Native Bible

Genesis 49:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba, a ɛsi asutene ho, na ne mman tra afasuo.

Genesis 49:22 in English

Genesis 49:22 · Berean Standard Bible

Joseph is a fruitful vine— a fruitful vine by a spring, whose branches scale the wall.*

Context

20“Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa. Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ. 21“Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no a ɔwo mma ahoɔfɛfoɔ. 22“Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba, a ɛsi asutene ho, na ne mman tra afasuo. 23Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ, de abufuo to hyɛɛ ne so. 24Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.