1 Mose 49:17
Genesis 49:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri.
Genesis 49:17 in English
Genesis 49:17 · Berean Standard Bible
He will be a snake by the road, a viper in the path that bites the horse’s heels so that its rider tumbles backward.
Context
15Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a,
ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a,
ɔbɛkuntunu agye adesoa,
na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma. 16“Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn
sɛ Israel mmusuakuo no baako. 17Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn;
ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a
ɔka ɔpɔnkɔ nantin,
sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri. 18“Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn. 19“Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so,
na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.