Native Bible

Genesis 46:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan.

Genesis 46:8 in English

Genesis 46:8 · Berean Standard Bible

Now these are the names of the sons of Israel (Jacob and his descendants) who went to Egypt: Reuben, Jacob’s firstborn.

Context

6Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim. 7Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim. 8Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan. 9Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. 10Simeon nso mmammarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.