Native Bible

Genesis 46:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim.

Genesis 46:6 in English

Genesis 46:6 · Berean Standard Bible

They also took the livestock and possessions they had acquired in the land of Canaan, and Jacob and all his offspring went to Egypt.

Context

4Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.” 5Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu. 6Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim. 7Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim. 8Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.