1 Mose 46:30
Genesis 46:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.”
Genesis 46:30 in English
Genesis 46:30 · Berean Standard Bible
Then Israel said to Joseph, “Finally I can die, now that I have seen your face and know that you are still alive!”
Context
28Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef hɔ kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen. 29Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim pɛ, ɔbam no, suiɛ ara kwansin. 30Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.” 31Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no sɛ, “Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ, ‘Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho. 32Mmarima no yɛ nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.