Native Bible

Genesis 45:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔyɛɛ Benyamin atuu, suiɛ, a anigyeɛ ne awerɛhoɔ adi afra. Benyamin nso firii aseɛ suiɛ.

Genesis 45:14 in English

Genesis 45:14 · Berean Standard Bible

Then Joseph threw his arms around his brother Benjamin and wept, and Benjamin wept as they embraced.

Context

12“Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanseɛ sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi. 13Monka animuonyam a Onyame adom enti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abɛhunu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsiane mmrɛ me ntɛm so.” 14Ɔyɛɛ Benyamin atuu, suiɛ, a anigyeɛ ne awerɛhoɔ adi afra. Benyamin nso firii aseɛ suiɛ. 15Ɔfefee ne nuanom no nyinaa ano suiɛ, na ɛno akyiri no, wɔtumi ne no kasaeɛ. 16Ɛberɛ a wɔtee wɔ Farao fie sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa ani gyeeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.