Native Bible

Genesis 45:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wobɛba abɛtena Gosen* asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nnwan ne wʼanantwie ne biribiara a wowɔ bra.

Genesis 45:10 in English

Genesis 45:10 · Berean Standard Bible

You shall settle in the land of Goshen and be near me—you and your children and grandchildren, your flocks and herds, and everything you own.

Context

8“Enti, ɛnyɛ mo na mode mebaa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufoɔ ne ne fie sohwɛfoɔ, ɛnna ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. 9Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ wo babarima Yosef seɛ ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfoɔ. Enti, ntwentwɛn wo nan ase koraa, na bra Misraim! 10Wobɛba abɛtena Gosen* asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nnwan ne wʼanantwie ne biribiara a wowɔ bra. 11Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, ɛfiri sɛ saa ɛkɔm kɛseɛ yi aka mfeɛ enum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fiefoɔ ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bɛdi hia buruburoo.’ 12“Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanseɛ sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.