Native Bible

Genesis 44:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na yɛbuaa sɛ, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akɔkoraa ne yɛn kaakyire a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne maame ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yie.’

Genesis 44:20 in English

Genesis 44:20 · Berean Standard Bible

And we answered, ‘We have an elderly father and a younger brother, the child of his old age. The boy’s brother is dead. He is the only one of his mother’s sons left, and his father loves him.’

Context

18Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma me a meyɛ wʼakoa no ɛkwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwom sɛ, wo ne Farao yɛ pɛ deɛ, nanso mesrɛ wo, nya aboterɛ ma wo ɔsomfoɔ. 19Me wura bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’ 20Na yɛbuaa sɛ, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akɔkoraa ne yɛn kaakyire a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne maame ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yie.’ 21“Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’ 22Yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abarimaa no rentumi nte ne ho mfiri nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔte ne ho firi nʼagya ho a, nʼagya no bɛwu.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.