1 Mose 42:9
Genesis 42:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya.”
Genesis 42:9 in English
Genesis 42:9 · Berean Standard Bible
Joseph remembered his dreams about them and said, “You are spies! You have come to see if our land is vulnerable.”
Context
7Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara pɛ, ɔhunuu sɛ wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn sɛ, “Mofiri he?”
Anuanom no buaa no sɛ, “Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduane.” 8Ɛwom sɛ na Yosef ahunu wɔn sɛ ne nuanom, nanso ne nuanom no deɛ, na wɔnhunuu sɛ, ɔno ne Yosef. 9Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya.” 10Anuanom no teaam sɛ, “Dabi yɛn wura, ɛnte saa. Yɛbaeɛ sɛ yɛrebɛtɔ aduane. 11Yɛn nyinaa firi agya baako. Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ saa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.