Native Bible

Genesis 39:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so. Awurade hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so.

Genesis 39:5 in English

Genesis 39:5 · Berean Standard Bible

From the time that he put Joseph in charge of his household and all he owned, the LORD blessed the Egyptian’s household on account of him. The LORD’s blessing was on everything he owned, both in his house and in his field.

Context

3Yosef wura no hunuu sɛ, Awurade ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, Awurade hyiraa so maa no na 4nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa. 5Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so. Awurade hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so. 6Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara. Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie. 7Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Bra, na wo ne me mmɛda!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.