Native Bible

Genesis 38:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ɛkwankyɛn hɔ a, na ɔnnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no sɛ, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?”

Genesis 38:16 in English

Genesis 38:16 · Berean Standard Bible

Not realizing that she was his daughter-in-law, he went over to her and said, “Come now, let me sleep with you.” “What will you give me for sleeping with you?” she inquired.

Context

14Enti, Tamar yii ne kuna ntadeɛ no guu hɔ. Ɔfaa nkatanimu kataa nʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara nhunu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar. Afei, ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna ɛkwan so. Ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ Sela anyini deɛ, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mmaa ɔmmɛwaree no. 15Ɛberɛ a Yuda hunuu Tamar no, na ɔdwene sɛ ɔyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi, ɛfiri sɛ, na wakata nʼanim. 16Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ɛkwankyɛn hɔ a, na ɔnnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no sɛ, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?” 17Yuda buaa sɛ, “Mɛma wɔde ɔpapo afiri me nnwankuo no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio sɛ, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, ɛdeɛn na wode bɛdi wo ho agyinamu?” 18Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na wopɛ sɛ mede di me ho agyinamu?” Tamar buaa sɛ, “Deɛ fa di wo ho agyinamu ne wo nsa so kawa ne nʼahoma ne saa poma a ɛkura wo yi.” Enti, Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔdaeɛ, ma ɔnyinsɛneeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.