Native Bible

Genesis 37:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ.

Genesis 37:8 in English

Genesis 37:8 · Berean Standard Bible

“Do you intend to reign over us?” his brothers asked. “Will you actually rule us?” So they hated him even more because of his dream and his statements.

Context

6Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso. 7Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi wɔ afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom hɔ ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no.” 8Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ. 9Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.” 10Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.