Native Bible

Genesis 37:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?”

Genesis 37:10 in English

Genesis 37:10 · Berean Standard Bible

He told his father and brothers, but his father rebuked him and said, “What is this dream that you have had? Will your mother and brothers and I actually come and bow down to the ground before you?”

Context

8Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ. 9Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.” 10Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?” 11Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri. 12Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.