Native Bible

Genesis 36:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa.

Genesis 36:3 in English

Genesis 36:3 · Berean Standard Bible

and Basemath daughter of Ishmael and sister of Nebaioth.

Context

1Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ. 2Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne 3Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa. 4Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. 5Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.