Native Bible

Genesis 34:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ, ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no.

Genesis 34:3 in English

Genesis 34:3 · Berean Standard Bible

And his soul was drawn to Dinah, the daughter of Jacob. He loved the young girl and spoke to her tenderly.

Context

1Ɛda koro bi, Lea ne Yakob ba Dina firii adi kɔsraa mmabaawa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no. 2Ɛberɛ a Hewifoɔhene Hamor babarima Sekem hunuu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no monnaa. 3Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ, ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. 4Ɛno enti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor sɛ, “Mepɛ sɛ meware ababaawa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!” 5Ɛberɛ a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wɔ wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii sɛ wɔbaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.