Native Bible

Genesis 34:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔde pea kumm Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabaa Dina firii Sekem fie de no kɔɔ wɔn nkyɛn.

Genesis 34:26 in English

Genesis 34:26 · Berean Standard Bible

They killed Hamor and his son Shechem with their swords, took Dinah out of Shechem’s house, and went away.

Context

24Mmarima a wɔkɔhyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kuro no ɛpono ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia. 25Nnansa akyiri a na twetiatwa no enti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wɔgye wɔn ho a ɛnnye no, Yakob mmammarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuammarima no faa wɔn mpea. Wɔkɔto hyɛɛ kuro no so, ɛberɛ a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkumm mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa. 26Wɔde pea kumm Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabaa Dina firii Sekem fie de no kɔɔ wɔn nkyɛn. 27Yakob mmammarima a wɔaka no nso to hyɛɛ kuro no so. Wɔtiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kuro no mu nneɛma nyinaa pasaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabaa Dina ho fi. 28Wɔfom wɔn anantwie, wɔn nnwan, wɔn mfunumu ne wɔn agyapadeɛ biara a ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ wiram nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.