1 Mose 33:12
Genesis 33:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Esau kaa sɛ, “Ma yɛnkɔ. Yɛbɛdi mo anim ne mo akɔ.”
Genesis 33:12 in English
Genesis 33:12 · Berean Standard Bible
Then Esau said, “Let us be on our way, and I will go ahead of you.”
Context
10Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim. 11Mesrɛ wo, gye mʼakyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi, ɛfiri sɛ, Awurade adom me ama mayɛ ɔdefoɔ.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔnnye nʼakyɛdeɛ no enti, Esau gyeeɛ. 12Afei, Esau kaa sɛ, “Ma yɛnkɔ. Yɛbɛdi mo anim ne mo akɔ.” 13Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Me wura ankasa nim sɛ, mmɔfra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwie ne nnwan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn so brɛoo. Sɛ meka wɔn so den ɛda koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bɛwuwu. 14Enti, me wura, di yɛn ɛkan na yɛne nyɛmmoa no bɛdi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.