Native Bible

Genesis 33:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim.

Genesis 33:10 in English

Genesis 33:10 · Berean Standard Bible

But Jacob insisted, “No, please! If I have found favor in your sight, then receive this gift from my hand. For indeed, I have seen your face, and it is like seeing the face of God, since you have received me favorably.

Context

8Esau bisaa sɛ, “Nnwan ne anantwie ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso, aseɛ ne sɛn?” Yakob buaa sɛ, “Me wura, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim animuonyam.” 9Nanso, Esau sere buaa no sɛ, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti, fa deɛ wode rebrɛ me yi ka wo deɛ ho.” 10Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim. 11Mesrɛ wo, gye mʼakyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi, ɛfiri sɛ, Awurade adom me ama mayɛ ɔdefoɔ.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔnnye nʼakyɛdeɛ no enti, Esau gyeeɛ. 12Afei, Esau kaa sɛ, “Ma yɛnkɔ. Yɛbɛdi mo anim ne mo akɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.