1 Mose 31:47
Genesis 31:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara.
Genesis 31:47 in English
Genesis 31:47 · Berean Standard Bible
Laban called it Jegar-sahadutha, and Jacob called it Galeed.*
Context
45Enti, Yakob faa ɛboɔ de sii hɔ yɛɛ nkaeɛdum. 46Yakob kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montase aboɔ!” Enti, wɔtasee aboɔ boaa ano. Afei, wɔn nyinaa tenaa ho didiiɛ. 47Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara. 48Afei, Laban kaa sɛ, “Aboɔ Kuo yi na ɛdi me ne wo ntam adanseɛ ɛnnɛ!” Ɛno enti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. 49Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio sɛ, “Mispa” ɛfiri sɛ, Laban kaa sɛ, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.