Native Bible

Genesis 31:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom.

Genesis 31:19 in English

Genesis 31:19 · Berean Standard Bible

Now while Laban was out shearing his sheep, Rachel stole her father’s household idols.

Context

17Ɛda bi, Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa nyoma so. 18Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapadeɛ a wanya nyinaa ne mmoa a ɔnyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so. 19Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom. 20Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhunu sɛ, ɔredwane. 21Yakob de nʼahodeɛ nyinaa dwaneeɛ. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔ asase Gilead no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.