Native Bible

Genesis 31:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Rahel ne Lea bisaa sɛ, “Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapadeɛ mu anaa?

Genesis 31:14 in English

Genesis 31:14 · Berean Standard Bible

And Rachel and Leah replied, “Do we have any portion or inheritance left in our father’s house?

Context

12Ɛnna ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ na hunu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no nyinaa ho yɛ nsensaneɛ, ntokontrama anaa nsisimu, na mahunu ɛkwan a Laban de wo fa so no nyinaa. 13Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii hɔ, hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ” 14Na Rahel ne Lea bisaa sɛ, “Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapadeɛ mu anaa? 15Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔhoɔ? Watɔn yɛn, na yɛn tiri sika a ɔgyeeɛ no nso, wadi. 16Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, yɛn agya ahodeɛ a Onyankopɔn gyeeɛ no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti, biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.