Native Bible

Genesis 27:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.”

Genesis 27:21 in English

Genesis 27:21 · Berean Standard Bible

Then Isaac said to Jacob, “Please come closer so I can touch you, my son. Are you really my son Esau, or not?”

Context

19Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.” 20Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.” 21Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.” 22Yakob twe bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kaa sɛ, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau deɛ.” 23Isak anhunu sɛ ɛyɛ Yakob, ɛfiri sɛ, na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ɔhyiraa no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.