1 Mose 27:19
Genesis 27:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.”
Genesis 27:19 in English
Genesis 27:19 · Berean Standard Bible
Jacob said to his father, “I am Esau, your firstborn. I have done as you told me. Please sit up and eat some of my game, so that you may bless me.”
Context
17Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob. 18Yakob de aduane no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Ɔduruu hɔ no, ɔkaa sɛ, “Agya!”
Isak buaa sɛ, “Mewɔ hɔ na wo hwan a?” 19Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.” 20Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?”
Yakob buaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.” 21Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.