Native Bible

Genesis 26:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon.

Genesis 26:34 in English

Genesis 26:34 · Berean Standard Bible

When Esau was forty years old, he took as his wives Judith daughter of Beeri the Hittite and Basemath daughter of Elon the Hittite.

Context

32Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.” 33Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara. 34Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. 35Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.