Native Bible

Genesis 26:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo.”

Genesis 26:29 in English

Genesis 26:29 · Berean Standard Bible

that you will not harm us, just as we have not harmed you but have done only good to you, sending you on your way in peace. And now you are blessed by the LORD.”

Context

27Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?” 28Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa enti, yɛasi gyinaeɛ sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no, 29Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo.” 30Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.