1 Mose 26:11
Genesis 26:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.”
Genesis 26:11 in English
Genesis 26:11 · Berean Standard Bible
So Abimelech warned all the people, saying, “Whoever harms this man or his wife will surely be put to death.”
Context
9Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ”
Isak buaa no sɛ, “Mesusuu sɛ, sɛ meka sɛ ɔyɛ me yere a, ne enti, ebia, na wɔakum me.” 10Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.” 11Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.” 12Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree. 13Isak yɛɛ ɔdefoɔ. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso, ma ɔdii taamu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.