1 Mose 25:23
Genesis 25:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade buaa no sɛ, “Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu. Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu. Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ. Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.”
Genesis 25:23 in English
Genesis 25:23 · Berean Standard Bible
and He declared to her: “Two nations are in your womb, and two peoples from within you will be separated; one people will be stronger than the other, and the older will serve the younger.”*
Context
21Isak waree Rebeka mfeɛ bebree a na wɔnwo. Enti, Isak bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyire yi, Awurade tiee ne mpaeɛbɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ. 22Ɛberɛ a Rebeka nyinsɛneeɛ no, ɛtɔ da a, na mmɔfra no di apereapereɛ wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, ɔbisa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Awurade nkyɛn asekyerɛ. 23Awurade buaa no sɛ,
“Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu.
Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu.
Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ.
Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.” 24Rebeka awoɔ duruu so no, ɔwoo ntaten. 25Na deɛ ɔdi ɛkan baeɛ no yɛ kɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ nwi atadeɛ. Enti, wɔtoo no edin Esau.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.