Native Bible

Genesis 24:63 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda koro anwummerɛ bi a Isak kɔtuu mpase srɛ so refa adwene no, ɔtoo nʼani hunuu sɛ nyoma sa so reba.

Genesis 24:63 in English

Genesis 24:63 · Berean Standard Bible

Early in the evening, Isaac went out to the field to meditate, and looking up, he saw the camels approaching.

Context

61Afei, Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn nyoma so ne Abraham ɔsomfoɔ no kɔeɛ. Yei ne ɛkwan a Abraham ɔsomfoɔ no faa so de Rebeka kɔeɛ. 62Saa ɛberɛ no, na Isak a na anka ɔte Negeb no firi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. 63Ɛda koro anwummerɛ bi a Isak kɔtuu mpase srɛ so refa adwene no, ɔtoo nʼani hunuu sɛ nyoma sa so reba. 64Rebeka nso too nʼani, na ɔhunuu Isak. Rebeka si firii ne yoma no so, 65bisaa Abraham ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɔbarima bɛn na ɔnam ɛserɛ yi so rebɛhyia yɛn yi?” Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti, Rebeka yii ne nkatanimu de kataa nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.