Native Bible

Genesis 24:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn?’

Genesis 24:39 in English

Genesis 24:39 · Berean Standard Bible

Then I asked my master, ‘What if the woman will not come back with me?’

Context

37Me wura maa mekaa ntam sɛ, ‘Worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak. 38Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’ 39“Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn?’ 40“Me wura Abraham buaa sɛ, ‘Awurade a manante nʼanim no bɛsoma ne ɔbɔfoɔ, adi wʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wʼakwantuo no bɛsi yie, na woanya ɔyere ama me babarima afiri mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fie no mu. 41Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbaa no amma wo a, wo ntam a wokaeɛ no renkyekyere wo.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.