1 Mose 2:6
Genesis 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, nsutire puepue fifirii asase mu bɛpetee asase ani nyinaa.
Genesis 2:6 in English
Genesis 2:6 · Berean Standard Bible
But springs * welled up from the earth and watered the whole surface of the ground.
Context
4Yei ne ɔsoro ne asase bɔ ho asɛm. Ɛberɛ a Awurade Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no. 5Na afifideɛ biara nni asase so, na wiram nnua biara nso nni hɔ. Ɛfiri sɛ, na Awurade Onyankopɔn mmaa nsuo ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. 6Nanso, nsutire puepue fifirii asase mu bɛpetee asase ani nyinaa. 7Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ. 8Afei, Awurade Onyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.