Native Bible

Genesis 17:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya.

Genesis 17:4 in English

Genesis 17:4 · Berean Standard Bible

“As for Me, this is My covenant with you: You will be the father of many nations.

Context

2Mɛsi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefoɔ adɔɔso.” 3Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, 4“Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. 5Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya. 6Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.