1 Mose 17:22
Genesis 17:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ.
Genesis 17:22 in English
Genesis 17:22 · Berean Standard Bible
When He had finished speaking with Abraham, God went up from him.
Context
20Na Ismael ho asɛm a wokaeɛ no nso, mate. Mɛhyira no ama nʼase adɔre bebree. Ɔbɛyɛ aberempɔn dumienu agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ. 21Nanso, me ne Isak a Sara bɛwo no, afe sɛsɛɛ no, na ɛbɛyɛ mʼapam no.” 22Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ. 23Saa ɛda no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fie ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn firii ananafoɔ nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24Wɔtwaa Abraham twetia no, na wadi mfeɛ aduɔkron nkron.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.