Native Bible

Genesis 13:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo a obiara ntumi nkan.

Genesis 13:16 in English

Genesis 13:16 · Berean Standard Bible

I will make your offspring like the dust of the earth, so that if one could count the dust of the earth, then your offspring could be counted.

Context

14Lot tee ne ho firii Abram ho akyiri no, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam. 15Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ afebɔɔ. 16Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo a obiara ntumi nkan. 17Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, ɛfiri sɛ, mede rema wo.” 18Enti, Abram tutuu ne ntomadan bɛtenaa odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Mamrɛ dea wɔ Hebron. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.