1 Mose 12:18
Genesis 12:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere?
Genesis 12:18 in English
Genesis 12:18 · Berean Standard Bible
So Pharaoh summoned Abram and asked, “What have you done to me? Why didn’t you tell me she was your wife?
Context
16Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma. 17Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie hɔ no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so. 18Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere? 19Adɛn enti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ kɔ!” 20Na Farao hyɛɛ asraafoɔ sɛ, wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.