1 Mose 1:4
Genesis 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn hunuu sɛ hann no yɛ enti, ɔtee hann no firii esum no ho.
Genesis 1:4 in English
Genesis 1:4 · Berean Standard Bible
And God saw that the light was good, and He separated the light from the darkness.
Context
2Na asase yɛ sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani. 3Onyankopɔn hyɛɛ sɛ, ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. 4Onyankopɔn hunuu sɛ hann no yɛ enti, ɔtee hann no firii esum no ho. 5Onyankopɔn frɛɛ hann no sɛ adekyeeɛ, na esum no nso sɛ adesaeɛ. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ, ɛda a ɛdi ɛkan no no. 6Onyankopɔn kaa sɛ, “Nkyɛmu mmra nsuo no ntam, na ɛnkyekyɛ nsuo no mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.