Galatifoɔ 3:27
Galatians 3:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so.
Galatians 3:27 in English
Galatians 3:27 · Berean Standard Bible
For all of you who were baptized into Christ have clothed yourselves with Christ.
Context
25Afei a berɛ aduru sɛ yɛgye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio. 26Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. 27Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. 28Yɛnni Yudani anaa Helani, yɛnni akoa anaa ɔdehyeɛ, yɛnni ɔbarima anaa ɔbaa, na mo nyinaa yɛ onipa korɔ wɔ Kristo Yesu mu. 29Enti sɛ moyɛ Kristo dea a, na moyɛ Abraham asefoɔ, na bɔhyɛ no enti, moyɛ adedifoɔ nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.