Native Bible

Galatians 3:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛnim sɛ ntamgyinafoɔ ho hia ma nnipa baanu anaa deɛ ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ baako amfa ntamugyinafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.

Galatians 3:20 in English

Galatians 3:20 · Berean Standard Bible

A mediator is unnecessary, however, for only one party; but God is one.

Context

18Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maaeɛ no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn firi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapadeɛ no maa Abraham. 19Ɛnneɛ na Mmara no ho mfasoɔ ne sɛn? Wɔde maa akyire no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ kɔsi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfoɔ no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafoɔ. 20Yɛnim sɛ ntamgyinafoɔ ho hia ma nnipa baanu anaa deɛ ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ baako amfa ntamugyinafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no. 21Yei kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabi! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛtumi ma nnipa nkwa a, ɛnneɛ anka onipa nam saa mmara no so bɛtumi atene wɔ Onyankopɔn anim. 22Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.