Galatifoɔ 3:16
Galatians 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Atwerɛsɛm no nnka sɛ, “Wo ne wʼasefoɔ” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka sɛ, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no.
Galatians 3:16 in English
Galatians 3:16 · Berean Standard Bible
The promises were spoken to Abraham and to his seed. The Scripture does not say, “and to seeds,” meaning many, but “and to your seed,”* meaning One, who is Christ.
Context
14Kristo gyee yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nhyira a wɔhyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufoɔ so, na yɛnam gyidie so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no. 15Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛsoɔ: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. 16Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Atwerɛsɛm no nnka sɛ, “Wo ne wʼasefoɔ” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka sɛ, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. 17Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdi so. Mmara no a ɛbaa akyire no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirinhyia ahanan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no maaeɛ, no mu. 18Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maaeɛ no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn firi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapadeɛ no maa Abraham.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.