Native Bible

Galatians 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ mehyɛ aseɛ yɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ.

Galatians 2:18 in English

Galatians 2:18 · Berean Standard Bible

If I rebuild what I have already torn down, I prove myself to be a lawbreaker.

Context

16Yɛnim sɛ ansa na obi bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ, ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so. 17“Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. 18Na sɛ mehyɛ aseɛ yɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ. 19“Ɛfiri sɛ, mpɛn dodoɔ a mepɛɛ sɛ mɛdi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno enti, menni mmara no tumi ase bio, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena ase mama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu, 20enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.