Native Bible

Galatians 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛnim sɛ ansa na obi bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ, ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so.

Galatians 2:16 in English

Galatians 2:16 · Berean Standard Bible

know that a man is not justified by works of the law, but by faith in Jesus Christ. So we, too, have believed in Christ Jesus, that we may be justified by faith in Christ and not by works of the law, because by works of the law no one will be justified.

Context

14Mehunuu sɛ deɛ wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne badwa no anim sɛ, “Woyɛ Yudani a seesei wonni Yudafoɔ amanneɛ so bio. Adɛn enti na wohyɛ amanamanmufoɔ sɛ wɔnni Yudafoɔ amanneɛ so? 15“Ɛyɛ nokorɛ sɛ yɛyɛ Yudafoɔ firi yɛn awoɔ mu. Yɛnyɛ amanamanmufoɔ nnebɔneyɛfoɔ no. 16Yɛnim sɛ ansa na obi bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ, ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so. 17“Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. 18Na sɛ mehyɛ aseɛ yɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.