Native Bible

Ezra 9:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wɔretwe yɛn aso seesei wɔ yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ, wo Awurade, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaeɛfoɔ.

Ezra 9:13 in English

Ezra 9:13 · Berean Standard Bible

After all that has come upon us because of our evil deeds and our great guilt (though You, our God, have punished us less than our iniquities deserve and have given us such a remnant as this),

Context

11Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire. 12Woka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmma yɛn mmammaa nnware wɔn mmammarima, na yɛn mmammarima nso nnware wɔn mmammaa, na ɛnsɛ sɛ yɛboa saa aman no kwan biara so. Wohyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛgyae saa nneɛma yi yɛ a, yɛbɛyɛ ɔman kɛseɛ. Wohyɛɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi asase no so nnepa, na yɛagya ama yɛn mma sɛ daapem agyapadeɛ. 13“Wɔretwe yɛn aso seesei wɔ yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ, wo Awurade, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaeɛfoɔ. 14Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre. 15Ao Awurade, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.