Native Bible

Ezra 8:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, yɛkɔduruu Yerusalem dwoodwoo, homee hɔ nnansa.

Ezra 8:32 in English

Ezra 8:32 · Berean Standard Bible

So we arrived at Jerusalem and rested there for three days.

Context

30Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no gye too wɔn ho so sɛ, wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem. 31Yɛfirii Ahawa Nsuka atenaeɛ hɔ Ab bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunkron, hyɛɛ aseɛ kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn firii atamfoɔ ne akwanmukafoɔ nsam. 32Enti, yɛkɔduruu Yerusalem dwoodwoo, homee hɔ nnansa. 33Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa. 34Wɔkanee biribiara dodoɔ, karii ne mu duru, twerɛɛ biribiara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.