Hesekiel 47:21
Ezekiel 47:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ.
Ezekiel 47:21 in English
Ezekiel 47:21 · Berean Standard Bible
You are to divide this land among yourselves according to the tribes of Israel.
Context
19Anafoɔ fam hyeɛ no bɛfiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Yei na ɛbɛyɛ anafoɔ fam hyeɛ. 20Atɔeɛ fam no, Ɛpo Kɛseɛ no bɛyɛ ɛhyeɛ akɔsi beaeɛ bi a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Yei bɛyɛ atɔeɛ fam hyeɛ. 21“Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ. 22Monkyekyɛ mu sɛ agyapadeɛ mma mo ho ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfoɔ te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wɔnya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuo no mu. 23Abusuakuo biara a ɔhɔhoɔ bi bɛdɔm no, emu na ɛsɛ sɛ woma no nʼagyapadeɛ,” Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.