Native Bible

Ezekiel 46:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

Ezekiel 46:15 in English

Ezekiel 46:15 · Berean Standard Bible

Thus they shall provide the lamb, the grain offering, and the oil every morning as a regular burnt offering.’

Context

13“ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. 14Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. 16“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ ɔhene no de nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ ne mmammarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefoɔ dea na ɛyɛ wɔn agyapadeɛ. 17Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.