Hesekiel 46:13
Ezekiel 46:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade.
Ezekiel 46:13 in English
Ezekiel 46:13 · Berean Standard Bible
And you shall provide an unblemished year-old lamb as a daily burnt offering to the LORD; you are to offer it every morning.
Context
11“ ‘Afahyɛ ne apontoɔ nna no, aduane afɔrebɔdeɛ no nyɛ nantwinini baako ne atokoɔ kilogram dunsia, nnwennini ne atokoɔ kilogram dunsia, na nnwammaa no deɛ atokoɔ dodoɔ ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita ɛnan ka atokoɔ kilogram dunsia biara ho. 12“ ‘Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛfiri ne pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbue ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyeɛ anaa ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei ɔbɛfiri adi na ɛno akyi wɔbɛto ɛpono no mu. 13“ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. 14Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.