Native Bible

Ezekiel 40:49 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ntwonoo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, na ɛfiri anim kɔsi akyire yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atwedeɛ nnidisoɔ edu bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na adum sisi ntwonoo no afadum no fa biara.

Ezekiel 40:49 in English

Ezekiel 40:49 · Berean Standard Bible

The portico was twenty cubits wide * and twelve cubits deep,* and ten steps led up to it.* There were columns by the side pillars, one on each side.

Context

47Afei wɔsusuu adihɔ no. Na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Na afɔrebukyia no si asɔredan no anim. 48Afei ɔde me baa asɔredan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no afadum, na ɛfa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Na aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduonu baako. Na afasuo ntiawa a epuepue anim no yɛ anammɔn ɛnan ne fa wɔ nʼafanu. 49Ntwonoo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, na ɛfiri anim kɔsi akyire yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atwedeɛ nnidisoɔ edu bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na adum sisi ntwonoo no afadum no fa biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.