Native Bible

Ezekiel 37:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Me ɔsomfoɔ Dawid bɛdi wɔn so ɔhene na wɔn nyinaa bɛnya odwanhwɛfoɔ baako. Wɔbɛdi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛdeɛ ayɛ.

Ezekiel 37:24 in English

Ezekiel 37:24 · Berean Standard Bible

My servant David will be king over them, and there will be one shepherd for all of them. They will follow My ordinances and keep and observe My statutes.

Context

22Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu. 23Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsodeɛ tantane no anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa afiri wɔn akyirisane bɔne mu na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 24“ ‘Me ɔsomfoɔ Dawid bɛdi wɔn so ɔhene na wɔn nyinaa bɛnya odwanhwɛfoɔ baako. Wɔbɛdi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛdeɛ ayɛ. 25Wɔbɛtena asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob, asase a mo agyanom tenaa soɔ. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me ɔsomfoɔ Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn afebɔɔ. 26Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔre na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu afebɔɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.