Native Bible

Ezekiel 37:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu.

Ezekiel 37:22 in English

Ezekiel 37:22 · Berean Standard Bible

I will make them one nation in the land, on the mountains of Israel, and one king will rule over all of them. Then they will no longer be two nations and will never again be divided into two kingdoms.

Context

20Ma nnua a woatwerɛtwerɛ ho no so kyerɛ wɔn 21na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛyi Israelfoɔ afiri amanaman a wɔkɔ soɔ no so. Mɛboaboa wɔn ano afiri afanan nyinaa na mede wɔn asane aba wɔn ankasa asase so. 22Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu. 23Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsodeɛ tantane no anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa afiri wɔn akyirisane bɔne mu na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 24“ ‘Me ɔsomfoɔ Dawid bɛdi wɔn so ɔhene na wɔn nyinaa bɛnya odwanhwɛfoɔ baako. Wɔbɛdi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛdeɛ ayɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.