Native Bible

Ezekiel 37:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ mmienu no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’

Ezekiel 37:19 in English

Ezekiel 37:19 · Berean Standard Bible

you are to tell them that this is what the Lord GOD says: ‘I will take the stick of Joseph, which is in the hand of Ephraim, and the tribes of Israel associated with him, and I will put them together with the stick of Judah. I will make them into a single stick, and they will become one in My hand.’

Context

17Ka ne mmienu bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam. 18“Sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yei kyerɛ anaa a,’ 19ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ mmienu no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’ 20Ma nnua a woatwerɛtwerɛ ho no so kyerɛ wɔn 21na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛyi Israelfoɔ afiri amanaman a wɔkɔ soɔ no so. Mɛboaboa wɔn ano afiri afanan nyinaa na mede wɔn asane aba wɔn ankasa asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.