Native Bible

Ezekiel 37:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yei kyerɛ anaa a,’

Ezekiel 37:18 in English

Ezekiel 37:18 · Berean Standard Bible

When your people ask you, ‘Won’t you explain to us what you mean by these?’

Context

16“Onipa ba, fa dua na twerɛ ho sɛ, ‘Yei gyina hɔ ma Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no.’ Afei fa dua foforɔ na twerɛ ho sɛ, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israel efie a wɔka ne ho nyinaa dea.’ 17Ka ne mmienu bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam. 18“Sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yei kyerɛ anaa a,’ 19ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ mmienu no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’ 20Ma nnua a woatwerɛtwerɛ ho no so kyerɛ wɔn

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.